Ɔsɛnkafoɔ 1:8
Ecclesiastes 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ. Ani nhwɛ adeɛ nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.
Ecclesiastes 1:8 in English
Ecclesiastes 1:8 · Berean Standard Bible
All things are wearisome, more than one can describe; the eye is not satisfied with seeing, nor the ear content with hearing.
Context
6Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam
na ɛdane hwɛ atifi fam;
ɛkyinkyini kɔ baabiara
na ɛsane bɔ fa ne kwan so. 7Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu,
nanso ɛpo nyɛ ma da.
Baabi a nsubɔntene no firie no
ɛhɔ na wɔsane kɔ bio. 8Biribiara yɛ ɔbrɛ
a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ.
Ani nhwɛ adeɛ nwie da
na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da. 9Deɛ aba no bɛba bio,
deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;
adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase. 10Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ:
“Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa?
Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee;
ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.