Ɔsɛnkafoɔ 1:3
Ecclesiastes 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu? Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no?
Ecclesiastes 1:3 in English
Ecclesiastes 1:3 · Berean Standard Bible
What does a man gain from all his labor, at which he toils under the sun?
Context
1Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem seɛ: 2“Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!”
Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.
“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ
Biribiara yɛ ahuhudeɛ.” 3Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu?
Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no? 4Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ,
nanso asase tim hɔ daa. 5Owia pue na owia kɔtɔ,
na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.