Native Bible

Deuteronomy 32:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no? Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo! Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea!

Deuteronomy 32:38 in English

Deuteronomy 32:38 · Berean Standard Bible

which ate the fat of their sacrifices and drank the wine of their drink offerings? Let them rise up and help you; let them give you shelter!

Context

36Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ. 37Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no, 38anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no? Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo! Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea! 39“Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mekum na mema nkwa: Me na mepira, na mesa; obi ntumi nnye wo mfiri me nsam. 40Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro Ka sɛ: Sɛ mete ase yi,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.