5 Mose 32:37
Deuteronomy 32:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no,
Deuteronomy 32:37 in English
Deuteronomy 32:37 · Berean Standard Bible
He will say: “Where are their gods, the rock in which they took refuge,
Context
35Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka.
Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri.
Wɔn amanehunu da no bɛduru,
na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.” 36Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn
na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,
Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa,
na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ. 37Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he,
ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no, 38anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no
na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no?
Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo!
Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea! 39“Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no!
Onyame biara nni hɔ sɛ me!
Me na mekum na mema nkwa:
Me na mepira, na mesa;
obi ntumi nnye wo mfiri me nsam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.