5 Mose 32:31
Deuteronomy 32:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, sɛdeɛ wɔhunu no.
Deuteronomy 32:31 in English
Deuteronomy 32:31 · Berean Standard Bible
For their rock is not like our Rock, even our enemies concede.*
Context
29Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase!
Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ! 30Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,
na baanu bɛma ɔpedu adwane,
gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn.
Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama. 31Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,
sɛdeɛ wɔhunu no. 32Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu
firi Gomora bobe nturom.
Wɔn bobe aba yɛ awuduro
na wɔn siaka nso yɛ nwono. 33Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ;
aprammire ano borɔ kɔdiawuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.