5 Mose 32:17
Deuteronomy 32:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo, anyame a na wɔnnim wɔn dada, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn.
Deuteronomy 32:17 in English
Deuteronomy 32:17 · Berean Standard Bible
They sacrificed to demons, not to God, to gods they had not known, to newly arrived gods, which your fathers did not fear.
Context
15Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ;
nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee!
Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn;
wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no. 16Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ;
wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo. 17Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo,
anyame a na wɔnnim wɔn dada,
anyame a wɔbaa nnansa yi ara,
anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn. 18Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.
Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no. 19Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu.
Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.