5 Mose 32:16
Deuteronomy 32:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ; wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo.
Deuteronomy 32:16 in English
Deuteronomy 32:16 · Berean Standard Bible
They provoked His jealousy with foreign gods; they enraged Him with abominations.
Context
14Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo,
nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ.
Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre,
ne atokoɔ papa maa wɔn.
Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu. 15Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ;
nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee!
Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn;
wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no. 16Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ;
wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo. 17Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo,
anyame a na wɔnnim wɔn dada,
anyame a wɔbaa nnansa yi ara,
anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn. 18Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.
Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.