Native Bible

Deuteronomy 32:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo, nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ. Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre, ne atokoɔ papa maa wɔn. Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu.

Deuteronomy 32:14 in English

Deuteronomy 32:14 · Berean Standard Bible

with curds from the herd and milk from the flock, with the fat of lambs, with rams from Bashan, and goats, with the choicest grains of wheat. From the juice of the finest grapes you drank the wine.

Context

12Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan. Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara. 13Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so; Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ; ɔde abotan mu woɔ, ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn. 14Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo, nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ. Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre, ne atokoɔ papa maa wɔn. Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu. 15Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ; nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee! Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn; wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no. 16Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ; wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.