Native Bible

Deuteronomy 32:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu. Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo.

Deuteronomy 32:19 in English

Deuteronomy 32:19 · Berean Standard Bible

When the LORD saw this, He rejected them, provoked to anger by His sons and daughters.

Context

17Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo, anyame a na wɔnnim wɔn dada, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn. 18Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no. 19Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu. Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo. 20Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ; Mɛma wɔn awieeɛ aba! Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye; mma a wɔnni nokorɛ. 21Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe; wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo. Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere; mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.