Native Bible

Deuteronomy 22:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a,

Deuteronomy 22:28 in English

Deuteronomy 22:28 · Berean Standard Bible

If a man encounters a virgin who is not pledged in marriage, and he seizes her and lies with her, and they are discovered,

Context

26Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no. 27Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no. 28Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a, 29ɛsɛ sɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri sɛ, wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da. 30Ɔbarima biara nni ho ɔkwan sɛ ɔne nʼagya yere da, ɛnsɛ sɛ ɔgu nʼagya mpa ho fi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.