5 Mose 22:26
Deuteronomy 22:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no.
Deuteronomy 22:26 in English
Deuteronomy 22:26 · Berean Standard Bible
Do nothing to the young woman, because she has committed no sin worthy of death. This case is just like one in which a man attacks his neighbor and murders him.
Context
24ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kuro no apono ano kɔsi wɔn aboɔ kum wɔn. Ababaawa no di fɔ, ɛfiri sɛ, wɔanteateam ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, ɛfiri sɛ, wafa obi yere. Saa ɛkwan yi so na monam bɛtu bɔne afiri asase no so. 25Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no. 26Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no. 27Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no. 28Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.