5 Mose 22:27
Deuteronomy 22:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no.
Deuteronomy 22:27 in English
Deuteronomy 22:27 · Berean Standard Bible
When he found her in the field, the betrothed woman cried out, but there was no one to save her.
Context
25Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no. 26Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no. 27Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no. 28Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a, 29ɛsɛ sɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri sɛ, wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.