5 Mose 22:25
Deuteronomy 22:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no.
Deuteronomy 22:25 in English
Deuteronomy 22:25 · Berean Standard Bible
But if the man encounters a betrothed woman in the open country, and he overpowers her and lies with her, only the man who has done this must die.
Context
23Sɛ ɔbarima bi hyia ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔne obi ahyehyɛ awadeɛ na ɔbarima no ne ababaawa no da, na sɛ saa asɛm no sii kuro no mu a, 24ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kuro no apono ano kɔsi wɔn aboɔ kum wɔn. Ababaawa no di fɔ, ɛfiri sɛ, wɔanteateam ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, ɛfiri sɛ, wafa obi yere. Saa ɛkwan yi so na monam bɛtu bɔne afiri asase no so. 25Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no. 26Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no. 27Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.