Native Bible

Deuteronomy 16:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a wɔrebɛfiri aseɛ atwa aburoo no na monkan nnanson no.

Deuteronomy 16:9 in English

Deuteronomy 16:9 · Berean Standard Bible

You are to count off seven weeks from the time you first put the sickle to the standing grain.

Context

7Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no. Na adeɛ kye a, monkɔ mo ntomadan mu. 8Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma. 9Ɛberɛ a wɔrebɛfiri aseɛ atwa aburoo no na monkan nnanson no. 10Monni Nnapɛn Dapɔnna ma Awurade, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so. 11Na monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a ɔbɛyi sɛ atenaeɛ a wɔbɛkamfo ne din no—mone no mo mmammarima ne mo mmammaa, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu ne ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔne mo teɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.