5 Mose 16:8
Deuteronomy 16:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma.
Deuteronomy 16:8 in English
Deuteronomy 16:8 · Berean Standard Bible
For six days you must eat unleavened bread, and on the seventh day you shall hold a solemn assembly to the LORD your God, and you must not do any work.
Context
6Baabi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no na monni Twam Afahyɛ no. Sɛ owia rekɔtɔ a na monni mfa nkae mo Misraim firi berɛ no. 7Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no. Na adeɛ kye a, monkɔ mo ntomadan mu. 8Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma. 9Ɛberɛ a wɔrebɛfiri aseɛ atwa aburoo no na monkan nnanson no. 10Monni Nnapɛn Dapɔnna ma Awurade, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.