Native Bible

Deuteronomy 16:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Baabi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no na monni Twam Afahyɛ no. Sɛ owia rekɔtɔ a na monni mfa nkae mo Misraim firi berɛ no.

Deuteronomy 16:6 in English

Deuteronomy 16:6 · Berean Standard Bible

You must only offer the Passover sacrifice at the place the LORD your God will choose as a dwelling for His Name. Do this in the evening as the sun sets, at the same time you departed from Egypt.

Context

4Mommma wɔnhunu mmɔreka wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma ɛnam a mode bɔɔ afɔdeɛ ɛda a ɛdi ɛkan no anwummerɛ no nnka ogya so nkɔsi anɔpa. 5Monnni Twam Afahyɛ no wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. 6Baabi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no na monni Twam Afahyɛ no. Sɛ owia rekɔtɔ a na monni mfa nkae mo Misraim firi berɛ no. 7Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no. Na adeɛ kye a, monkɔ mo ntomadan mu. 8Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.