Daniel 9:18
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti.
Daniel 9:18 in English
Daniel 9:18 · Berean Standard Bible
Incline Your ear, O my God, and hear; open Your eyes and see the desolation of the city that bears Your name. For we are not presenting our petitions before You because of our righteous acts, but because of Your great compassion.
Context
16Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw. 17“Na afei yɛn Onyankopɔn, tie wʼakoa mpaeɛbɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo enti, Ao, Awurade, te wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no. 18Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti. 19Ao, Awurade, tie! Ao, Awurade, fa kyɛ! Ao, Awurade, tie na yɛ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ, wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so.” 20Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.