Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no,

Daniel 9:20 in English

Daniel 9:20 · Berean Standard Bible

While I was speaking, praying, confessing my sin and that of my people Israel, and presenting my petition before the LORD my God concerning His holy mountain—

Context

18Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti. 19Ao, Awurade, tie! Ao, Awurade, fa kyɛ! Ao, Awurade, tie na yɛ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ, wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so.” 20Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no, 21na megu so rebɔ mpaeɛ no, Gabriel a mehunuu no kane anisoadehunu mu no de ahoɔherɛ baa me nkyɛn bɛyɛ anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu. 22Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhunumu ne nteaseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.