Daniel 9:16
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw.
Daniel 9:16 in English
Daniel 9:16 · Berean Standard Bible
O Lord, in keeping with all Your righteous acts, I pray that Your anger and wrath may turn away from Your city Jerusalem, Your holy mountain; for because of our sins and the iniquities of our fathers, Jerusalem and Your people are a reproach to all around us.
Context
14Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no. 15“Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ. 16Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw. 17“Na afei yɛn Onyankopɔn, tie wʼakoa mpaeɛbɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo enti, Ao, Awurade, te wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no. 18Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.