Daniel 9:14
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no.
Daniel 9:14 in English
Daniel 9:14 · Berean Standard Bible
Therefore the LORD has kept the calamity in store and brought it upon us. For the LORD our God is righteous in all He does; yet we have not obeyed His voice.
Context
12Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da. 13Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan. 14Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no. 15“Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ. 16Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.