Daniel 9:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan.
Daniel 9:13 in English
Daniel 9:13 · Berean Standard Bible
Just as it is written in the Law of Moses, all this disaster has come upon us, yet we have not sought the favor of the LORD our God by turning from our iniquities and giving attention to Your truth.
Context
11Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo.
“Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ wɔ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo enti. 12Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da. 13Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan. 14Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no. 15“Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.