Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da.

Daniel 9:12 in English

Daniel 9:12 · Berean Standard Bible

You have carried out the words spoken against us and against our rulers by bringing upon us a great disaster. For under all of heaven, nothing has ever been done like what has been done to Jerusalem.

Context

10Yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade yɛn Onyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfoɔ adiyifoɔ so de maa yɛn no so. 11Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo. “Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ wɔ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo enti. 12Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da. 13Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan. 14Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.