Daniel 11:22
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no.
Daniel 11:22 in English
Daniel 11:22 · Berean Standard Bible
Then a flood of forces will be swept away before him and destroyed, along with a prince of the covenant.
Context
20“Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu. 21“Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. 22Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. 23Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi. 24Sɛ amantam a wɔyɛ adefoɔ no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛto ahyɛ wɔn so, na deɛ nʼagyanom ne ne nananom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ afodeɛ ne ahonyadeɛ ama nʼakyidifoɔ. Ɔbɛbɔ abantuo ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ nna tiawa bi mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.