Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye.

Daniel 11:21 in English

Daniel 11:21 · Berean Standard Bible

In his place a despicable person will arise; royal honors will not be given to him, but he will come in a time of peace and seize the kingdom by intrigue.

Context

19Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio. 20“Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu. 21“Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. 22Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. 23Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.