Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio.

Daniel 11:19 in English

Daniel 11:19 · Berean Standard Bible

After this, he will turn back toward the fortresses of his own land, but he will stumble and fall and be no more.

Context

17Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no. 18Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi emu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomasoɔ bɛba awieeɛ na wadane abɔ no. 19Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio. 20“Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu. 21“Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.