Daniel 11:17
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no.
Daniel 11:17 in English
Daniel 11:17 · Berean Standard Bible
He will resolve to come with the strength of his whole kingdom, and will reach an agreement with the king of the South. He will give him a daughter in marriage in order to overthrow the kingdom, but his plan will not succeed or help him.*
Context
15Afei, ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abɛsisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wagye ho ban. Akodɔm a wɔwɔ anafoɔ fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano. 16Ntohyɛsoni no bɛyɛ deɛ ɔpɛ na obiara ntumi nnyina nʼanim. Ɔbɛgye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe no. 17Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no. 18Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi emu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomasoɔ bɛba awieeɛ na wadane abɔ no. 19Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.