Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi.

Daniel 11:23 in English

Daniel 11:23 · Berean Standard Bible

After an alliance is made with him, he will act deceitfully; for he will rise to power with only a few people.

Context

21“Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. 22Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. 23Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi. 24Sɛ amantam a wɔyɛ adefoɔ no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛto ahyɛ wɔn so, na deɛ nʼagyanom ne ne nananom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ afodeɛ ne ahonyadeɛ ama nʼakyidifoɔ. Ɔbɛbɔ abantuo ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ nna tiawa bi mu. 25“Ɔbɛnya akodɔm kɛseɛ na wanya ahoɔden ne akokoɔduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de akodɔm a wɔdɔɔso na wɔyɛ den bɛtu ɔsa, nanso, ɔrentumi nnyina, ɛsiane ɛpɔ ahodoɔ a wɔabɔ de atia no enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.