Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da.

Amos 8:7 in English

Amos 8:7 · Berean Standard Bible

The LORD has sworn by the Pride of Jacob: “I will never forget any of their deeds.

Context

5na moka sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam ama yɛatɔn aduane, na Homeda bɛba awieeɛ ama yɛadi ayuo dwa?” Sɛ mobɛhyɛ susukora mu na moatoto ɛboɔ so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ, 6na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn. 7Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da. 8“Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa, na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa? Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nil* ɛbubu afa so, na asane atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.” 9Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ, na mama esum aduru asase so awia ketee.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.