Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mekyiri Yakob ahomasoɔ na memmpɛ nʼaban; mede kuropɔn no bɛma ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.”
Amos 6:8 in English
Amos 6:8 · Berean Standard Bible
The Lord GOD has sworn by Himself—the LORD, the God of Hosts, has declared: “I abhor Jacob’s pride and detest his citadels, so I will deliver up the city and everything in it.”
Context
6Monom nsã nkorama mu
na mode sradehwam papa yɛ mo ho,
na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho. 7Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho;
na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa. 8Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam
na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:
“Mekyiri Yakob ahomasoɔ
na memmpɛ nʼaban;
mede kuropɔn no bɛma
ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.” 9Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu. 10Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.