Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie, na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti, siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.”

Amos 4:12 in English

Amos 4:12 · Berean Standard Bible

“Therefore, that is what I will do to you, O Israel, and since I will do this to you, prepare to meet your God, O Israel!

Context

10“Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no, mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum. Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 11“Metuu mo mu bi guiɛ sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu. Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 12“Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie, na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti, siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.” 13Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.