Amos 4:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Metuu mo mu bi guiɛ sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu. Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Amos 4:11 in English
Amos 4:11 · Berean Standard Bible
“Some of you I overthrew as I overthrew Sodom and Gomorrah, and you were like a firebrand * snatched from a blaze, yet you did not return to Me,” declares the LORD.
Context
9“Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ
ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so.
Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua,
nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 10“Mede ɔyaredɔm baa mo so
sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no,
mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ
ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum.
Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu,
nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 11“Metuu mo mu bi guiɛ
sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no.
Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu.
Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 12“Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie,
na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti,
siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.” 13Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa
na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa,
deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum
na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no.
Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.