Native Bible

Acts 9:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.

Acts 9:19 in English

Acts 9:19 · Berean Standard Bible

and after taking some food, he regained his strength. And he spent several days with the disciples in Damascus.

Context

17Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” 18Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. 19Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn. 20Ɔhyɛɛ aseɛ kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. 21Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.