Native Bible

Acts 9:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.”

Acts 9:21 in English

Acts 9:21 · Berean Standard Bible

All who heard him were astounded and asked, “Isn’t this the man who wreaked havoc in Jerusalem on those who call on this name? And hasn’t he come here to take them as prisoners to the chief priests?”

Context

19Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn. 20Ɔhyɛɛ aseɛ kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. 21Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.” 22Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no diiɛ. Yudafoɔ a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkaeɛ no ho hwee. 23Nna bi akyi no, Yudafoɔ no bɔɔ Saulo ho pɔ sɛ wɔbɛkum no,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.