Asomafoɔ 9:18
Acts 9:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu.
Acts 9:18 in English
Acts 9:18 · Berean Standard Bible
At that instant, something like scales fell from Saul’s eyes, and his sight was restored. He got up and was baptized,
Context
16Na mɛkyerɛ no amaneɛ a ɛsiane me din enti ɔbɛhunu.” 17Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” 18Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. 19Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn. 20Ɔhyɛɛ aseɛ kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.