Asomafoɔ 2:21
Acts 2:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.’
Acts 2:21 in English
Acts 2:21 · Berean Standard Bible
And everyone who calls on the name of the Lord will be saved.’*
Context
19Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn
bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ
wɔ ɔsoro ne asase so. 20Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no,
owia bɛduru sum
na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya. 21Na obiara a ɔbɛbɔ
Awurade din no bɛnya nkwa.’ 22“Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu. 23Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.