Asomafoɔ 2:19
Acts 2:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ wɔ ɔsoro ne asase so.
Acts 2:19 in English
Acts 2:19 · Berean Standard Bible
I will show wonders in the heavens above and signs on the earth below, blood and fire and billows of smoke.
Context
17“ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no,
mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.
Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,
mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ.
Na mo mpanin nso asoso adaeɛ. 18Saa mmerɛ no mu no,
mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so,
mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm. 19Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn
bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ
wɔ ɔsoro ne asase so. 20Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no,
owia bɛduru sum
na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya. 21Na obiara a ɔbɛbɔ
Awurade din no bɛnya nkwa.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.