Asomafoɔ 2:17
Acts 2:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no, mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ. Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.
Acts 2:17 in English
Acts 2:17 · Berean Standard Bible
‘In the last days, God says, I will pour out My Spirit on all people. Your sons and daughters will prophesy, your young men will see visions, your old men will dream dreams.
Context
15Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro. 16Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ: 17“ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no,
mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.
Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,
mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ.
Na mo mpanin nso asoso adaeɛ. 18Saa mmerɛ no mu no,
mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so,
mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm. 19Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn
bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ
wɔ ɔsoro ne asase so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.