Asomafoɔ 2:18
Acts 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so, mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm.
Acts 2:18 in English
Acts 2:18 · Berean Standard Bible
Even on My menservants and maidservants I will pour out My Spirit in those days, and they will prophesy.
Context
16Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ: 17“ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no,
mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.
Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,
mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ.
Na mo mpanin nso asoso adaeɛ. 18Saa mmerɛ no mu no,
mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so,
mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm. 19Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn
bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ
wɔ ɔsoro ne asase so. 20Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no,
owia bɛduru sum
na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.