Native Bible

Acts 15:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Yei akyi, mɛsane aba abɛsi Dawid efie a abubu no. Mɛma deɛ adwirie no so, na ma sane masi bio,

Acts 15:16 in English

Acts 15:16 · Berean Standard Bible

‘After this I will return and rebuild the fallen tent of David. Its ruins I will rebuild, and I will restore it,

Context

14Seesei ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yii amanamanmufoɔ sɛ ne de, de kyerɛɛ dwene a ɔdwene wɔn ho. 15Adiyifoɔ no nsɛm a wɔkaeɛ no ne yei hyia, sɛdeɛ wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu sɛ: 16“ ‘Yei akyi, mɛsane aba abɛsi Dawid efie a abubu no. Mɛma deɛ adwirie no so, na ma sane masi bio, 17sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nnipa a wɔaka no, ne amanamanmufoɔ a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’ 18Awurade a ɔdaa yei adi ɛberɛ bi a atwam no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.