Asomafoɔ 15:18
Acts 15:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade a ɔdaa yei adi ɛberɛ bi a atwam no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.”
Acts 15:18 in English
Acts 15:18 · Berean Standard Bible
that have been known for ages.’*
Context
16“ ‘Yei akyi, mɛsane aba
abɛsi Dawid efie a abubu no.
Mɛma deɛ adwirie no so,
na ma sane masi bio, 17sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nnipa a wɔaka no,
ne amanamanmufoɔ a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’ 18Awurade a ɔdaa yei adi ɛberɛ bi a atwam no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.” 19Yakobo toaa so sɛ, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛha amanamanmufoɔ a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no. 20Mmom, momma yɛntwerɛ nwoma nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔdi aduane biara a wɔde ama abosom, ɛfiri sɛ, ɛho nte; afei, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho, afei, wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ; bio, wɔnnni mogya nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.