Asomafoɔ 13:47
Acts 13:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ, “‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea; ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’ ”
Acts 13:47 in English
Acts 13:47 · Berean Standard Bible
For this is what the Lord has commanded us: ‘I have made you a light for the Gentiles, to bring salvation to the ends of the earth.’*”
Context
45Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereeɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnyeɛ, kasa tiaa no. 46Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoɔduru kɔɔ so kaa sɛ, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na sɛ moapo, na mommu mo ho sɛ nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo enti a, yɛbɛgya mo hɔ akɔ amanamanmufoɔ no nkyɛn. 47Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ,
“‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea;
ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’ ” 48Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ. 49Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.