Native Bible

Acts 13:48 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ.

Acts 13:48 in English

Acts 13:48 · Berean Standard Bible

When the Gentiles heard this, they rejoiced and glorified the word of the Lord, and all who were appointed for eternal life believed.

Context

46Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoɔduru kɔɔ so kaa sɛ, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na sɛ moapo, na mommu mo ho sɛ nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo enti a, yɛbɛgya mo hɔ akɔ amanamanmufoɔ no nkyɛn. 47Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ, “‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea; ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’ ” 48Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ. 49Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa. 50Nanso, Yudafoɔ no tuu nnipa atitire a wɔwɔ kuro no mu no ne mmaa Nyamesurofoɔ a na wɔwɔ hɔ bi a wɔdi mu no aso maa wɔtaa Paulo ne Barnaba, pamoo wɔn firii ɔman no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.