Asomafoɔ 13:37
Acts 13:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ.
Acts 13:37 in English
Acts 13:37 · Berean Standard Bible
But the One whom God raised from the dead did not see decay.
Context
35Wɔaka no baabi nso sɛ,
“ ‘Woremma wo Kronkronni no mporɔ.’ 36“Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ. 37Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ. 38“Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te aseɛ sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo. 39Ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.