Asomafoɔ 13:36
Acts 13:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ.
Acts 13:36 in English
Acts 13:36 · Berean Standard Bible
For when David had served God’s purpose in his own generation, he fell asleep. His body was buried with his fathers and saw decay.
Context
34Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensane nkɔ porɔeɛ mu no ne sɛ,
“ ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no bɛhyira wo.’ 35Wɔaka no baabi nso sɛ,
“ ‘Woremma wo Kronkronni no mporɔ.’ 36“Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ. 37Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ. 38“Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te aseɛ sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.