Asomafoɔ 13:32
Acts 13:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu.
Acts 13:32 in English
Acts 13:32 · Berean Standard Bible
And now we proclaim to you the good news: What God promised our fathers
Context
30Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu, 31ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no. 32“Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu. 33Yei ne deɛ wɔatwerɛ wɔ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no sɛ,
“ ‘Woyɛ me ba;
ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.’ 34Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensane nkɔ porɔeɛ mu no ne sɛ,
“ ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no bɛhyira wo.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.