Asomafoɔ 13:31
Acts 13:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no.
Acts 13:31 in English
Acts 13:31 · Berean Standard Bible
and for many days He was seen by those who had accompanied Him from Galilee to Jerusalem. They are now His witnesses to our people.
Context
29Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no. 30Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu, 31ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no. 32“Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu. 33Yei ne deɛ wɔatwerɛ wɔ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no sɛ,
“ ‘Woyɛ me ba;
ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.