Native Bible

Acts 13:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no.

Acts 13:29 in English

Acts 13:29 · Berean Standard Bible

When they had carried out all that was written about Him, they took Him down from the tree and laid Him in a tomb.

Context

27Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu. 28Ɛwom sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔnkum no. 29Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no. 30Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu, 31ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.