Asomafoɔ 13:27
Acts 13:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu.
Acts 13:27 in English
Acts 13:27 · Berean Standard Bible
The people of Jerusalem and their rulers did not recognize Jesus, yet in condemning Him they fulfilled the words of the prophets that are read every Sabbath.
Context
25Ansa na Yohane rebɛwie nʼasɛnka no, ɔbisaa nnipa no sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛre biara, deɛ moretwɛn no no bɛba, na mensɛ sɛ mɛworɔ ne mpaboa afiri ne nan.’ 26“Me nuanom Abraham asefoɔ ne amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn enti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn. 27Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu. 28Ɛwom sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔnkum no. 29Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.