Native Bible

2 Timothy 1:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no,

2 Timothy 1:9 in English

2 Timothy 1:9 · Berean Standard Bible

He has saved us and called us to a holy calling, not because of our works, but by His own purpose and by the grace He granted us in Christ Jesus before time began.*

Context

7Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ. 8Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn. 11Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menna Asɛmpa no adi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.