2 Timoteo 1:8
2 Timothy 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.
2 Timothy 1:8 in English
2 Timothy 1:8 · Berean Standard Bible
So do not be ashamed of the testimony of our Lord, or of me, His prisoner. Instead, join me in suffering for the gospel by the power of God.
Context
6Yei enti merebɔ wo nkaeɛ sɛ kae akyɛdeɛ a ɛberɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. 7Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ. 8Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.